Psalms 33


1Momfa ahurusi nto dwom mma Awurade, mo atreneefo,
ɛfata sɛ wɔn a wɔteɛ no yi no ayɛ.

2 Momfa sanku nkamfo Awurade;
monto dwom mma no wɔ sankuten so.

3 Monto dwom foforo mma no.
Momfa nimdeɛ mmɔ sanku no na monteɛ mu ahurusi so!


4 Awurade asɛm teɛ na ɛyɛ nokware
odi nokware wɔ nea ɔyɛ nyinaa mu.

5 Awurade dɔ treneeyɛ ne atɛntrenee.
Nʼadɔe a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.


6 Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro,
nʼanom home so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.

7 Ɔka po nsu boa ano kuw;
na ɔde bun sie nea hɔ dɔ.

8 Momma asase sofo nyinaa nsuro Awurade;
na wiasefo nyinaa mfa nidi mma no.

9 Ɔno na ɔkasa ma ɛbaa mu
na ɔhyɛ ma egyinaa pintinn.

10 Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛe;
ɔma adesamma nsusuwii yɛ ɔkwa.

11 Nanso Awurade nhyehyɛe tim hɔ daa,
ne koma mu botae wɔ hɔ ma awo ntoatoaso.


12 Nhyira ne ɔman a ne Nyankopɔn ne Awurade,
nnipa a oyii wɔn sɛ nʼagyapade no.
13 Awurade hwɛ adesamma nyinaa fi ɔsoro.
14Ofi nʼatenae hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.

15 Ɔno ne nea ɔbɔɔ wɔn nyinaa koma,
na osusuw nea wɔyɛ nyinaa ho.

16 Ɛnyɛ ɔhene asraafo dɔm kɛse na ebegye no;
ɔkofo biara nni hɔ a ofi nʼahoɔden mu guan.

17 Ɔpɔnkɔ mu ahotoso yɛ ɔkwa wɔ nkwagye mu;
nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.

18 Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wosuro no no so,
wɔn a wɔwɔ anidaso wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,

19 sɛ obegye wɔn afi owu mu
na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɔkɔm bere mu.


20 Yɛde anidaso twɛn Awurade;
ɔyɛ yɛn boafo ne yɛn nkatabo.

21 Ne mu na yɛn koma di ahurusi,
efisɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.

22 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no ntena yɛn so, Awurade,
sɛnea anidaso a yɛwɔ wɔ mu no te.
Copyright information for TwiAKNA